Psalms 112

Onipa pa ahotɔ

1Kamfo Awurade!
Nhyira nka nea odi Awurade ni, na ɔde anigye di ne mmara so.
2Onipa pa mma benya tumi wɔ asase no so; wobehyira nʼasefo.
3Nʼabusuafo bɛyɛ adefo na wobedi yiye daa nyinaa.
4Hann pue esum mu ma nnipa pa, wɔn a wɔyɛ ahummɔbɔ, atimmɔbɔ na wɔyɛ nokwafo no.
5Nhyira nka obi a ne tirim yɛ mmerɛw wɔ bosea a ɔbɔ ho na ɔyɛ nʼadwuma nokware mu.
6Onipa pa ho nka mu da; wɔbɛkae no daa.
Ne gyidi mu yɛ den na ɔde ne ho to Awurade so.
7Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu; ne gyidi mu yɛ den na ɔde ne ho to Awurade so.
8Biribiara nhaw no na onsuro.
Onim pefee sɛ obedi nʼatamfo so nkonim.
9Ne nsam yɛ mmerɛw wɔ ahiafo so na nʼayamye to ntwa da.
Obenya tumi na wɔadi no ni.
10Amumɔyɛfo hu eyi na wɔn bo fuw; wɔhwɛ no ɔtan so na wɔyera.
Wɔn anidaso yera kora kora.
Copyright information for TwiNAK